Dwom 102
Aberante mmɔborɔni mpaebɔ. Osu kyerɛ Awurade bere a ɔwɔ ahohia mu.
Awurade, tie me mpaebɔ;
na ma me mmoa ho sufrɛ nnu wʼanim.
Mmfa wʼanim nhintaw me
bere a mewɔ ahohia mu.
Brɛ wʼaso ase ma me;
na sɛ misu frɛ wo a, gye me so ntɛm.
 
Me nkwanna reyera te sɛ wusiw;
me nnompe adɔ sɛ nyansramma.
Me koma abotow na akisa sɛ sare;
na me kɔn nnɔ aduan.
Mʼapinisi dennen nti
maka ɔhonam ne nnompe.
Mete sɛ sare so patu,
te sɛ patu a ɔte nnwiriwii mu.
Meda hɔ a, mʼani gu so; mayɛ sɛ
anomaa bi a ɔno nko ara si ɔdan atifi.
Da mu nyinaa mʼatamfo bɔ me akutia.
Wɔn a wodi me ho fɛw no bɔ me din de dome.
Mede nsõ ayɛ mʼaduan
na mede nusu fra me nsu mu
10 esiane wʼabufuwhyew dennen no nti,
woama me so, ayi me asi nkyɛn.
11 Me nkwa nna te sɛ anwummere sunsuma;
na mehyew sɛ sare.
 
12 Nanso wo Awurade, woyɛ ɔhene daa daa;
na wo din a ahyeta no te hɔ daa awo ntoatoaso nyinaa mu.
13 Wobɛsɔre na woahu Sion mmɔbɔ;
bere adu sɛ wuhu no mmɔbɔ;
bere a wohyɛe no aso.
14 Nʼabo som bo ma wʼasomfo;
ne mfutuma hyɛ wɔn awerɛhow.
15 Amanaman no besuro Awurade din;
asase so ahemfo nyinaa bedi wʼanuonyam ni.
16  Awurade bɛkyekyere Sion bio,
na wapue wɔ nʼanuonyam mu.
17 Obetie mmɔborɔfo mpaebɔ;
na ɔremmu nʼani ngu wɔn sufrɛ so.
 
18 Monkyerɛw eyi mma nkyirimma,
sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wonnya nwoo wɔn no bɛkamfo Awurade;
19 Awurade hwɛɛ fam fi ne kronkronbea wɔ ɔsoro hɔ;
ofi ɔsoro hwɛɛ asase,
20 sɛnea ɔbɛte nneduafo apinisi,
na wɔagyaa wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.”
21 Enti wɔbɛpae mu abɔ Awurade din wɔ Sion
na wɔakamfo no wɔ Yerusalem,
22 bere a amanaman ne ahenni ahorow
behyia mu na wɔasom Awurade.
 
23 Ɔmaa me yɛɛ mmerɛw wɔ bere a merenyin.
Otwaa me nkwa nna so.
24 Enti mekae se,
“Me Onyankopɔn, mfa me nkɔ, wɔ me nkwa nna mfimfini;
wo mfe wɔ hɔ daa kodu awo ntoatoaso nyinaa mu.
25 Mfiase no wotoo asase fapem,
na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
26 Ne nyinaa betwa mu na wo de, wobɛtena hɔ daa;
wɔbɛtetew te sɛ atade.
Wobɛsesa wɔn te sɛ ntama,
na wɔbɛtow wɔn agu.
27 Nanso wote sɛnea wote,
na wo mfe to rentwa da.
28 Wʼasomfo mma bɛtena nkwa mu wɔ wʼanim;
na wɔn asefo ase betim wɔ wʼanim.”