Dwom 141
Dawid dwom.
Awurade, misu frɛ wo, bra me nkyɛn ntɛm so.
Sɛ misu frɛ wo a, gye me so.
Ma me mpaebɔ mmra wʼanim sɛ aduhuam;
ma me nsa a mema so no nyɛ sɛ anwummere afɔrebɔ.
 
Awurade, ma ɔwɛmfo nwɛn mʼano;
na wɛn mʼano pon.
Mma wɔnntwe me koma nnkɔ nea ɛyɛ bɔne ho,
na ankɔyɛ nea amumɔyɛfo yɛ no bi,
mma me ne abɔnefo
nni wɔn nnɔkɔnnɔkɔwade.
 
Ma ɔtreneeni mmɔ me, ɛyɛ ayamye;
ma ɔnka mʼanim, ɛyɛ me ti so ngo.
Me ti rempo.
Me mpaebɔ da so tia abɔnefo nneyɛe daa.
 
Wɔbɛtow wɔn sodifo afi ɔbotan so abɛhwe fam;
na amumɔyɛfo behu sɛ me nsɛm no yɛ nokware.
Wɔbɛka se, “Sɛnea obi funtum na otutu asase no,
saa ara na wɔabɔ yɛn nnompe ahwete ɔda ano.”
 
Nanso Otumfo Awurade, mʼani wɔ wo so;
wo mu na mihintaw, nnyaw me mma owu.
Bɔ me ho ban fi mfiri a wɔasunsum me no ho,
mfiri a abɔnefo asunsum no.
10 Ma amumɔyɛfo no ankasa ɔtan nyi wɔn,
bere a mitwa mu kɔ dwoodwoo no.