Dwom 142
Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ.
Meteɛ mu su frɛ Awurade;
mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.
Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;
meka me haw kyerɛ no.
 
Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,
ɛyɛ wo na wunim me kwan.
Ɔkwan a menam so no
nnipa asum me afiri.
Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;
mʼasɛm mfa obiara ho;
minni guankɔbea bi;
me nkwa mfa obiara ho.
 
Awurade, misu frɛ wo;
mise, “Wone me guankɔbea,
me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”
Tie me sufrɛ,
na mewɔ ahohia kɛse mu;
gye me fi mʼataafo nsam,
efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.
Yi me fi mʼafiase,
na makamfo wo din.
 
Afei atreneefo betwa me ho ahyia
esiane wo papa a woayɛ me no nti.