Dwom 143
Dawid dwom.
Awurade, tie me mpaebɔ,
tie me mmɔborɔsu;
fi wo nokwaredi ne trenee mu
bra bɛboa me.
Mfa wʼakoa nkɔ atemmu mu,
na ɔteasefo biara nteɛ wɔ wʼanim.
Ɔtamfo no taa me,
ɔbɔ me hwe fam;
ɔma me tena sum mu
te sɛ wɔn a wowuwuu dedaada.
Ɛno nti me honhom atɔ beraw wɔ me mu;
na me koma di yaw wɔ me mu.
Mekae tete nna no;
midwinnwen wo nnwuma
ne nea wo nsa ayɛ nyinaa ho.
Mema me nsa so kyerɛ wo;
wo ho sukɔm de me kra sɛ asase kesee.
 
Awurade, gye me so ntɛm;
me honhom tɔ piti.
Mfa wʼanim nhintaw me
anyɛ saa a mɛyɛ sɛ wɔn a wɔkɔ amoa mu no.
Ma mente wʼadɔe a ɛnsa da no ho asɛm daa anɔpa,
na mede me ho ato wo so.
Kyerɛ me ɔkwan a memfa so,
na wo na mema me kra so kyerɛ.
Awurade gye me fi mʼatamfo nsam,
na wo mu na mede me ho hintaw.
10 Kyerɛ me na menyɛ wʼapɛde,
na wo ne me Nyankopɔn;
ma wo honhom pa no
nkogya me asasetaw so.
 
11  Awurade, wo din nti, kyɛe me nkwa so;
wo trenee mu, yi me fi ɔhaw mu.
12 Fi wʼadɔe a ɛnsa da no mu mua mʼatamfo ano;
na sɛe wɔn a wokyi me no nyinaa,
na meyɛ wo somfo.