Dwom 19
Dawid dwom.
Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam!
Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma,
Da biara, wɔkasa;
anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi.
Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm;
wɔnnte wɔn nne.
Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa,
na wɔn nsɛm nso akodu asase ano.
 
Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ.
Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu,
te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika.
Epue wɔ ɔsoro fa baabi
na atwa ne ho akosi ano;
biribiara nsiw ne hyew ho kwan.
 
Awurade mmara yɛ pɛ,
ɛkanyan ɔkra no.
Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu,
ɛma nea onnim nyansa hu nyansa.
Awurade ahyɛde teɛ;
ɛma koma mu anigye.
Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ;
na ebue ani.
Awurade suro yɛ kronkron,
ɛte hɔ daa.
Awurade mmara nsɛm yɛ nokware
na ne nyinaa teɛ.
10 Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ
ɛsen sikakɔkɔɔ kann;
ɛyɛ dɛ sen ɛwo,
ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu.
11 Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se,
sodi so akatua yɛ bebree.
12 Hena na ohu nʼankasa mfomso?
Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.
13 Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho,
na anhyɛ me so.
Ɛno na ɛbɛma madi bem,
a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho.
 
14 Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene
nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade
me Botan ne me Gyefo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.