Dwom 20
Dawid dwom.
Awurade ntie wo wɔ wʼahohia mu;
Yakob Nyankopɔn din mmɔ wo ho ban.
Ɔmfa mmoa mfi kronkronbea hɔ mmrɛ wo,
na omfi Sion mmɛhyɛ wo den.
Ɔnkae wʼafɔrebɔ nyinaa,
na ɔmma wo hyew afɔre nsɔ nʼani.
Ɔmma wo nea wo koma pɛ,
na wo nhyehyɛe nyinaa nyɛ yiye.
Yɛbɛbɔ ose bere a woadi nkonim,
na yɛama yɛn frankaa so wɔ yɛn Nyankopɔn din mu.
 
Awurade nyɛ wʼabisade nyinaa mma wo.
 
Afei mahu sɛ Awurade ma nea wasra no no nkonimdi,
ofi ne kronkronbea wɔ ɔsoro gye no so,
ɔde ne nkonimdi tumi a ɛwɔ ne nsa nifa mu no.
Ebinom de wɔn ho to wɔn nteaseɛnam so
na afoforo nso, wɔn apɔnkɔ so,
nanso yɛn de, yɛde yɛn ho to Awurade yɛn Nyankopɔn din so.
Wɔbrɛ wɔn ase ma wɔhwehwe ase,
na yɛn de, yɛsɔre gyina kirebenn.
Awurade, ma ɔhene nkonimdi!
Yɛfrɛ a, gye yɛn so!
Wɔde ma dwonkyerɛfo.