Dwom 21
Dawid dwom.
Awurade, ɔhene di anigye wɔ wʼahoɔden mu.
Nʼani gye mmoroso wɔ nkonimdi a woma no nti!
 
Woama no nea ne koma pɛ;
woamfa nʼabisade ankame no.
Wode nhyira a edi mu hyiaa no
na wode sikakɔkɔɔ ankasa ahenkyɛw hyɛɛ no.
Obisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,
nna tenten a enni awiei.
Nkonimdi a woma no nti, nʼanuonyam so;
wode kɛseyɛ ne nidi adom no.
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da
na woama no ahosɛpɛw wɔ wʼanim anigye mu.
Ɔhene no de ne ho to Awurade so;
Ɔsorosoroni no nokware dɔ no nti,
ɔrenhinhim.
 
Wo nsa bɛka wʼatamfo nyinaa;
wo nsa nifa beso wɔn a wokyi wo no mu.
Bere a wubeyi wo ho adi no
wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a mu adɔ.
Awurade fi nʼabufuwhyew mu bɛmene wɔn,
na ne gya no ahyew wɔn.
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,
na wɔn asefo afi adesamma mu.
11 Ɛwɔ mu sɛ wɔbɔ pɔw tia wo
na wɔyɛ nhyehyɛe bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 efisɛ wobɛma wɔasan wɔn akyi
bere a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so no.
 
13 Yɛma wo so, Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;
yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom.