Dwom 30
Dawid dwom.
Mɛma wo so, Awurade,
efisɛ, woayi me afi bun mu
na woamma mʼatamfo anserew me.
Awurade me Nyankopɔn, misu frɛɛ wo sɛ boa me
na wosaa me yare.
Awurade, wuyii me fii ɔda mu;
wode me ho kyɛɛ me na woamma mankɔ amoa mu.
Monto ayeyi nnwom mma Awurade;
mo a moyɛ nʼahotewfo!
Monkamfo ne din kronkron no.
Nʼabufuw nkyɛ,
na nʼadɔe wɔ hɔ daa;
agyaadwotwa bɛwɔ hɔ anadwo,
nanso ahosɛpɛw bɛba anɔpa.
Metee nka sɛ mewɔ bammɔ no, mekae se,
“Merenhinhim da.”
Awurade, woyɛɛ me adom no
womaa me bepɔw gyinaa pintinn
na wode wʼanim hintaw me no,
me koma tui.
 
Wo, Awurade na mefrɛɛ wo;
wo hɔ na misu mesrɛɛ mmɔborɔhunu se:
“Mfaso bɛn na ɛwɔ me sɛe so,
sɛ mɛkɔ amoa mu?
Mfutuma beyi wo ayɛ ana?
Ɛbɛpae mu aka wo nokwaredi ana?
10 Tie me, Awurade, na hu me mmɔbɔ!
Awurade, yɛ me boafo.”
 
11 Wodan mʼagyaadwotwa yɛɛ no asaw;
wuyii mʼatweaatam fii me ho
na wode anigye furaa me,
12 sɛ me koma bɛto nnwom ama wo na ɛrenyɛ komm.
Awurade me Nyankopɔn, meyi wo ayɛ daa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.