Dwom 4
Dawid dwom.
Sɛ misu frɛ wo a, gye me so,
me trenee Nyankopɔn.
Ma me ɔhome wɔ mʼahohia mu;
hu me mmɔbɔ na tie me mpaebɔ.
 
Enkosi da bɛn na mobɛdan mʼanuonyam ahohora?
Enkosi da bɛn na mobɛdɔ nneɛma hunu na moadi ahoni ahuhuw akyi?
Hu sɛ Awurade ayi nea ɔwɔ nyamesu ama ne ho;
Awurade betie, sɛ misu mefrɛ no a.
 
Sɛ mo bo fuw a, monnyɛ bɔne;
sɛ modeda mo mpa so a,
monyɛ komm na monhwehwɛ mo koma mu.
Mommɔ afɔre a ɛfata
na momfa mo werɛ nhyɛ Awurade mu.
 
Nnipa bebree bisa se:
“Hena na ɔde yiyeyɛ bɛbrɛ yɛn?”
Awurade, ma wʼanim hann no nhyerɛn yɛn so.
Fa anigye mmoroso hyɛ me koma ma
bere a wɔn aburow ne nsa foforo abu so no.
Mɛtɔ hɔ, na mada asomdwoe mu,
efisɛ wo nko ara, Awurade,
na woma metena dwoodwoo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔmfa atɛntɛbɛn nto.