Dwom 31
Dawid dwom.
Wo mu, Awurade na manya guankɔbea;
mma mʼanim ngu ase;
fi wo trenee mu gye me.
Yɛ aso ma me,
bra ntɛm begye me;
yɛ me bammɔ botan,
aban a mʼatamfo nsa renka me.
Sɛ woyɛ me botan ne mʼaban nti,
wo din nti di mʼanim na kyerɛ me kwan.
Gye me fi afiri a wɔasum me no mu,
efisɛ wo ne me guankɔbea.
Wo nsam na mede me kra hyɛ;
gye me bio, Awurade, Onyankopɔn nokwafo.
 
Mikyi wɔn a wɔsom abosom huhuw;
mede me ho to Awurade so.
Mʼani begye na madi ahurusi wɔ wo dɔ mu,
efisɛ wuhu mʼamanehunu,
na wunim me kra mu haw.
Womfaa me nhyɛɛ ɔtamfo no nsa
mmom wode me nan asisi petee mu.
 
Hu me mmɔbɔ, Awurade, efisɛ me ho yeraw me;
awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu
ɔyaw ama me kra ne me honam ayɛ mmerɛw.
10 Ɔyawdi retew me nkwa so,
na abooboo tew me mfe so;
ɔhaw nti mʼahoɔden kɔ fam,
na me nnompe nso ahodwow.
11 Mʼatamfo nyinaa nti,
mayɛ ahohora wɔ me nnamfonom mu;
nnipa a wonim me suro me,
na wɔn a wohu me mmɔnten so guan.
12 Obiara werɛ afi me te sɛ nea mawu;
mayɛ sɛ kuku a abɔ.
13 Mete asomsɛm dodow a wɔka
ahunahuna atwa me ho ahyia.
Wɔrepam me ti so,
na wɔbɔ pɔw sɛ wobekum me.
 
14 Nanso mede me ho ato wo so, Awurade;
meka se, “Woyɛ me Nyankopɔn.”
15 Me mmere wɔ wo nsam
gye me fi mʼatamfo
ne wɔn a wɔtaa me no nsam.
16 Tew wʼanim kyerɛ wo somfo;
gye me wɔ wo dɔ a enni huammɔ no mu.
17 Mma mʼanim ngu ase, Awurade,
efisɛ masu afrɛ wo;
mmom, ma amumɔyɛfo anim ngu ase
na wɔnna wɔn nna mu komm.
18 Mua atorofo ano,
efisɛ wɔde ahantan ne animtiaabu
kasa tia atreneefo.
 
19 Wo papayɛ dɔɔso,
ɛno na woakora ama wɔn a wosuro wo no
ɛno na wode ma wɔn a woguan toa wo no
wɔ nnipa anim.
20 Wode wɔn sie wʼanim bammɔ mu
fi nnipa nsusuwii bɔne ho;
wo tenabea hɔ na wode wɔn sie dwoodwoo
fi tɛkrɛma a ɛbɔ sobo ho.
 
21 Ayeyi nka Awurade!
Sɛ wayi ne dɔ nwonwaso akyerɛ me
bere a na mewɔ kuropɔn a atamfo atwa ho ahyia no mu no.
22 Mebɔɔ huboa no mekae se:
“Woayi wʼani afi me so!”
Nanso wotee me mmɔborɔsu
bere a mekotow srɛɛ wo no.
 
23 Monnɔ Awurade mo a moyɛ nʼahotewfo nyinaa!
Awurade kora wɔn a wodi nokware so,
na ahomasofo de, otua wɔn ka pɛpɛɛpɛ.
24 Monyɛ den na momma mo bo ntɔ mo yam,
mo a mowɔ anidaso wɔ Awurade mu nyinaa.