Dwom 37
Dawid dwom.
Nhaw wo ho, nnebɔneyɛfo nti;
mma wʼani mmmere wɔn a wɔyɛ bɔne;
Wɔte sɛ sare, ɛrenkyɛ na ahyew,
wɔte sɛ dua amono, ɛrenkyɛ na awu.
 
Fa wo ho to Awurade so na yɛ papa.
Tena asase no so na ma wʼani nka asomdwoe adidibea hɔ.
Ma wʼani nnye wɔ Awurade mu
na wama wo nea wo koma pɛ.
 
Fa wʼakwan hyɛ Awurade nsam;
na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ:
ɔbɛma wo treneeyɛ ahyerɛn sɛ adekyee,
na wʼatɛntrenee ayɛ sɛ owigyinae.
 
Yɛ komm wɔ Awurade anim na tɔ wo bo ase twɛn no,
nhaw wo ho wɔ wɔn a asi wɔn yiye ho
efisɛ wɔnam bɔne akwan so.
 
Mma wo bo mmfuw na gyae abufuwhyew;
nhaw wo ho, ekowie bɔne nko ara.
Wobetwa nnebɔneyɛfo agu,
nanso wɔn a wɔn ani da Awurade so no
wobenya asase no adi so.
 
10 Ɛrenkyɛ, nnebɔneyɛfo bɛyera.
Wɔbɛhwehwɛ wɔn, nanso wɔrenhu wɔn.
11 Nanso ahobrɛasefo benya asase no adi so
na wɔanya asomdwoe mmoroso.
12 Amumɔyɛfo bɔ pɔw bɔne tia atreneefo
na wɔtwɛre wɔn se gu wɔn so;
13 nanso Awurade serew amumɔyɛfo,
na onim sɛ wɔn nna abɛn.
 
14 Amumɔyɛfo twe afoa
na wokuntun wɔn ta mu
sɛ wobekum ahiafo ne mmɔborɔfo,
sɛ wobekum wɔn a wɔn akwan teɛ.
15 Nanso wɔn afoa bɛwowɔ wɔn ankasa koma mu,
na wɔn ta mu abubu.
 
16 Kakra a atreneefo wɔ no som bo
sen amumɔyɛfo bebree ahonya;
17 efisɛ amumɔyɛfo ahoɔden bɛsa
nanso Awurade bɛwowaw atreneefo.
 
18  Awurade nim wɔn a wɔn ho nni asɛm no nna,
na wɔn agyapade bɛtena hɔ daa.
 
19 Ahohiahia bere mu wɔremmrɛ.
Ɔkɔm bere mu wobenya ama abu so.
20 Nanso amumɔyɛfo bɛyera.
Awurade atamfo bɛyɛ sɛ nwura mu nhwiren;
wobetu ayera sɛ wusiw.
21 Amumɔyɛfo pɛ bosea, na wontua,
nanso ɔtreneeni de ahummɔbɔ ma;
22 Wɔn a Awurade ahyira wɔn no benya asase no adi so,
na wobetwa wɔn a ɔdome wɔn no agu.
 
23 Awurade ani sɔ onipa akwan a,
ɔma nʼanammɔntu si pi.
24 Sɛ ohintiw a ɔrenhwe ase,
efisɛ Awurade kura no wɔ ne nsam.
 
25 Na meyɛ aberante, na mprempren mabɔ akwakoraa,
na minhuu ɔtreneeni a Awurade apa nʼakyi
anaasɛ ne mma resrɛ aduan.
26 Bere biara ɔyɛ adɔe, na ɔde fɛm kwa;
na ne mma benya nhyira.
 
27 Twe wo ho fi bɔne ho na yɛ papa
na wobɛtena asase no so afebɔɔ.
28 Efisɛ, Awurade pɛ nea ɛteɛ,
na ɔrennyaw ne nkurɔfo anokwafo no.
 
Wobenya bammɔ daa nyinaa.
Nanso amumɔyɛfo asefo de, wobetwa wɔn agu.
29 Atreneefo benya asase no adi so
na wɔatena so afebɔɔ.
 
30 Ɔtreneeni ano ka nyansasɛm,
na ne tɛkrɛma ka nea ɛteɛ.
31 Ne Nyankopɔn mmara wɔ ne koma mu;
wɔn anan nwatiri.
 
32 Amumɔyɛfo tetɛw atreneefo
hwehwɛ sɛ wobekum wɔn,
33 nanso Awurade nnyaa wɔn mma wɔn,
na ɔremma wommu wɔn kumfɔ wɔ asennii.
34 Montwɛn Awurade
na monhwɛ nʼakwan.
Ɔbɛma mo so na moanya asase no adi so;
sɛ wotwitwa amumɔyɛfo no gu a, mubehu.
 
35 Mahu omumɔyɛfo a ɔyɛ basabasa
sɛ ɔredi yiye sɛ dua amono a esi asase pa so,
36 nanso ankyɛ na nʼawiei bae a wonhu no bio;
mehwehwɛɛ no, nanso manhu no.
 
37 Susuw nea ɔyɛ pɛ ho, na hwɛ nea ɔteɛ;
na asomdwoe nipa benya asetena pa daakye.
38 Nanso wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa;
na wɔbɛtɔre wɔn asefo ase.
 
39 Atreneefo nkwagye fi Awurade
ɔne wɔn aban wɔ amanehunu bere mu.
40  Awurade boa wɔn na ogye wɔn;
oyi wɔn fi amumɔyɛfo nsam, na ogye wɔn nkwa,
efisɛ wohintaw wɔ ne mu.