Dwom 38
Dawid dwom. Adesrɛ.
Awurade, nka mʼanim wɔ wʼabufuw mu
na ntwe mʼaso wɔ wʼabufuwhyew mu.
Wo bɛmma hwirew me mu,
na wo nsa adwerɛw me.
Wʼabufuwhyew no nti ahoɔden biara nni me mu;
me bɔne nti, me nnompe ahodwow.
Mʼafɔdi amene me
te sɛ adesoa a mu yɛ duru dodo.
Mʼakuru bɔn na aporɔw
esiane me bɔne mu agyimisɛm nti.
Makotow na wɔabrɛ me ase;
da mu nyinaa menantenantew twa agyaadwo.
Mʼakyi dompe mu yaw boro so:
ahoɔden biara nni me nipadua mu.
Mabrɛ na mapɛtɛw koraa.
Me koma mu yaw ma misi apini.
Awurade, nea merehwɛ anim nyinaa da wʼanim;
mʼapinisi nhintaw wo.
10 Me koma bɔ kitirikitiri, na mʼahoɔden asa
mpo mʼaniwa aduru sum.
11 Mʼapirakuru nti me nnamfonom ne me yɔnkonom mmɛn me;
mʼafipamfo twe wɔn ho fi me ho.
12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no sum me mfiri,
wɔn a wɔpɛ sɛ wɔhaw me no di me sɛe ho nkɔmmɔ
da mu nyinaa wodwen nnaadaasɛm ho.
 
13 Mete sɛ ɔsotifo a ɔnte asɛm,
mete sɛ mum a ontumi nkasa.
14 Mayɛ sɛ obi a ɔnte asɛm,
nea nʼano ntumi mma mmuae.
15  Awurade, meretwɛn wo;
Awurade me Nyankopɔn, wubegye me so.
16 Mekae se, “Mma wɔn ani nnye;
anaa wɔmma wɔn ho so bere a mʼanan awatiri no.”
 
17 Mereyɛ mahwe ase,
na me yaw da so wɔ me mu.
18 Meka me mfomso kyerɛ;
me bɔne hyɛ me so.
19 Bebree na wɔyɛ mʼatamfo;
wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso.
20 Wɔn a wɔde bɔne tua me papa so ka no,
bɔ me ahohora bere a mereyɛ papa.
 
21  Awurade nnyaw me.
Me Nyankopɔn, nkɔ akyiri!
22 Bra ntɛm bɛboa me,
Awurade, mʼAgyenkwa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo no. Yedutun.