Dwom 39
Dawid dwom.
Mekae se, “Mɛhwɛ mʼakwan yiye
na mamfa me tɛkrɛma anyɛ bɔne;
mɛto mʼano nnareka
bere a amumɔyɛfo bɛn me yi.
Enti meyɛɛ komm
a manka asɛm papa biara mpo
nanso mʼapinisi mu yɛɛ den.
Me koma ho guan no wɔ me mu.
Midwinnwen no, ogya dɛwee;
afei mede me tɛkrɛma kasae se:
 
Awurade, ma minhu me nkwa awiei
ne me nna dodow;
ma minhu sɛnea me nkwa si twa mu ntɛm so.
Woayɛ me nna sɛ nsateaa baako pɛ;
na me mfe dodow nyɛ hwee wɔ wʼani so.
Onipa nkwa yɛ ɔhome bi kɛkɛ.
Onipa redi akɔneaba nyinaa no, ɔte sɛ sunsuma bi kwa;
ɔhaw ne ho nanso ɔyɛ kwa;
ɔboa ahonya ano na onnim nea ɛbɛyɛ ne de.
 
“Afei Awurade, dɛn na merehwehwɛ?
Mʼanidaso wɔ wo mu.
Gye me fi me bɔne nyinaa mu;
mma mennyɛ nkwaseafo aserewde.
Meyɛɛ komm, na mammue mʼano,
efisɛ wo na woayɛ eyi.
10 Yi wʼasotwe fi me so;
wo nsa ano amanehunu amene me.
11 Woka nnipa anim, na wotwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho;
wosɛe wɔn ahonya te sɛ nwewee;
onipa biara yɛ ɔhome kɛkɛ.
 
12 Awurade, tie me mpaebɔ,
tie me sufrɛ;
nsiw wʼaso wɔ me su ho.
Me ne wo te hɔ sɛ ɔnanani,
sɛnea na mʼagyanom nyinaa te no.
13 Yi wʼani fi me so na manya nkwa bio,
ansa na mafi ha a mente ase bio.”
Wɔde ma dwonkyerɛfo.