Dwom 40
Dawid dwom.
Mede boasetɔ twɛn Awurade;
na ɔhwɛɛ me, na ɔtee me sufrɛ.
Oyii me fii amoa a mu yɛ toro mu,
fii dɔte ne dontori mu;
ɔde mʼanan sii ɔbotan so
na ɔmaa me baabi pa gyinae.
Ɔde dwom foforo hyɛɛ mʼanom,
ayeyi dwom a yɛde ma yɛn Nyankopɔn.
Bebree behu na wɔasuro,
na wɔde wɔn werɛ ahyɛ Awurade mu.
 
Nhyira ne onipa a
ɔde Awurade yɛ nʼahotoso,
nea ɔmfa nʼani nto ahomaso so,
ne wɔn a wɔman di anyame huhuw akyi.
Awurade me Nyankopɔn
woayɛ anwonwade bebree.
Nneɛma a wohyehyɛ maa yɛn no
obiara ntumi nka ne nyinaa nkyerɛ wo;
sɛ meka se mereka ne nyinaa ho asɛm a
ɛbɛdɔɔso dodo.
 
Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛde,
nanso woabue mʼaso;
woampɛ ɔhyew afɔre ne bɔne afɔre.
Na mekae se, “Mini, maba,
sɛnea wɔakyerɛw afa me ho wɔ nhoma mmobɔwee no mu no.
Me Nyankopɔn, mepɛ sɛ meyɛ wʼapɛde;
wo mmara wɔ me koma mu.”
 
Meka wo trenee ho asɛm wɔ guabɔ kɛse ase;
mimmua mʼano,
Awurade, sɛnea wunim no.
10 Memmfa wo trenee ho asɛm nsie me koma mu;
meka wo nokware ne wo nkwagye ho asɛm.
Mankata wʼadɔe ne wo nokware so
wɔ guabɔ kɛse no ase.
11  Awurade, nyi wʼahummɔbɔ mfi me so;
ma wʼadɔe ne wo nokware mmɔ me ho ban daa.
12 Ɔhaw bebree atwa me ho ahyia;
mʼamumɔyɛ abu afa me so enti minhu ade bio.
Ɛdɔɔso sen me ti so nwi,
na me koma abotow wɔ me mu.
13  Awurade, ma ɛnsɔ wʼani sɛ wubegye me;
Awurade, bra ntɛm bɛboa me.
14 Wɔn a wɔpɛ sɛ wokum me no nyinaa,
ma wɔn anim ngu ase na wɔnyɛ basaa;
ma wɔn a wɔpɛ sɛ mesɛe no
mfa aniwu nsan wɔn akyi.
15 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no
nsan wɔn akyi, esiane wɔn aniwu nti.
16 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa
nsɛpɛw wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu;
ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagye no nka da biara se,
Awurade yɛ ɔkɛse!”
 
17 Nanso meyɛ ohiani ne mmɔborɔni;
ma Awurade nnwen me ho.
Wo ne me boafo ne me gyefo;
wo ne me Nyankopɔn, bra ntɛm.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.