Dwom 5
Dawid dwom.
Awurade, yɛ aso ma me nsɛm
na dwen mʼapinisi ho.
Tie me mmoa ho sufrɛ,
me Hene ne me Nyankopɔn,
efisɛ wo na mebɔ wo mpae.
Awurade, wote me nne anɔpa;
anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanim
na mede anidaso twɛn.
 
Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;
na amumɔyɛfo rentumi ne wo ntena.
Ahantanfo rentumi nnyina wʼanim;
wukyi wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.
Wosɛe wɔn a wɔka atosɛm;
Awurade kyi
mogyapɛfo ne asisifo.
 
Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe nti,
mɛba wo fi;
na nidi mu na mɛkotow
akyerɛ wʼasɔredan kronkron no.
Awurade kyerɛ me kwan
wɔ wo trenee mu
mʼatamfo nti,
bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.
Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokware;
ɔsɛe ahyɛ wɔn koma ma.
Wɔn menewa yɛ ɔda a so abue
wɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
10 Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!
Ma wɔn pɔw bɔne nyɛ wɔn asehwe.
Pam wɔn; esiane wɔn bɔne dodow no nti,
efisɛ wɔasɔre atia wo.
 
11 Nanso ma wɔn a woguan ba wo nkyɛn no ani nnye;
ma wɔmfa anigye nto dwom daa.
Trɛw wo bammɔ mu wɔ wɔn so,
na wɔn a wɔdɔ wo din no
ma wɔn ani nnye wɔ wo mu.
12  Awurade, ampa ara, wuhyira atreneefo;
na wode wʼayamye twa wɔn ho hyia sɛ nkatabo.
Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ ɔmfa sankuhama nto wɔ Seminit nne so.