Dwom 41
Dawid dwom.
Nhyira ne onipa a mmɔborɔni asɛm ho hia no;
Awurade gye no wɔ amanehunu bere mu.
Awurade bɛbɔ ne ho ban na wakora ne kra;
obehyira no wɔ asase no so;
ɔrennyaa no mma nʼatamfo apɛde.
Awurade bɛhwɛ no wɔ ne yare mpa so
na wagye no asi hɔ.
Mekae se, “Ao Awurade hu me mmɔbɔ;
sa me yare, efisɛ mayɛ bɔne atia wo.”
Mʼatamfo de adwene bɔne ka fa me ho se:
“Da bɛn na obewu ama ne din ayera?”
Bere biara a obi ba me nkyɛn no,
ɔka atosɛm, na ne koma hɔre dinsɛe;
ofi adi kɔ a, ɔde kodi nseku.
Mʼatamfo nyinaa keka asomsɛm fa me ho;
wosusuw bɔne ma me na wɔka se:
“Ɔyare bɔne bi abɔ no;
ɔrensɔre mfi nea ɔda hɔ bio.”
Mpo me yɔnko pa ara a mede me ho too no so,
nea me ne no too nsa didii no,
asɔre atia me.
 
10 Nanso wo, Awurade, hu me mmɔbɔ;
ma me so, na mintua wɔn so ka.
11 Minim sɛ wʼani sɔ me,
na me tamfo renni me so nkonim.
12 Me nokwaredi mu, wukura me mu
na wode me gyina wʼanim afebɔɔ.
 
 
13 Nhyira nka Awurade, Israel Nyankopɔn,
nnɛ ne daa nyinaa.
Amen! ne Amen!
Wɔde ma dwonkyerɛfo.