1 NHOMA A ƐTO SO ABIEN
42
Nnwom 42–72
Koramma “maskil” dwom.
Sɛnea ɔforote pere hwehwɛ nsuwansuwa no,
saa ara na me kra pere hwehwɛ wo, me Nyankopɔn.
Onyankopɔn ho sukɔm de me kra, Onyankopɔn teasefo no.
Da bɛn na metumi akohyia Onyankopɔn?
Me nisu ayɛ mʼaduan
awia ne anadwo,
na da mu nyinaa nnipa bisa me se:
“Wo Nyankopɔn wɔ he?”
Saa nneɛma yi na mekae
bere a mereka me koma mu nsɛm;
sɛnea na midi asafokuw anim,
na yɛde anigye nteɛteɛmu ne aseda nnwom
nantew yuu bɔ mu kɔ Onyankopɔn fi
wɔ afahyɛ da no.
 
Me kra, adɛn, na woabotow?
Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
 
Me kra abotow wɔ me mu,
enti mɛkae wo
fi Yordan asase so,
Hermon mmepɔw so, fi Bepɔw Misar so.
Ebun kɔ bun mu
wɔ wo nsu a ɛworo gu no nnyigyei mu;
wʼasorɔkye nyinaa
abu afa me so.
 
Adekyee mu, Awurade kyerɛ nʼadɔe,
adesae mu, ne dwom ba me nkyɛn,
mpae a mebɔ srɛ me nkwa Nyankopɔn.
 
Mibisa Onyankopɔn, me Botan no se,
“Adɛn nti na wo werɛ afi me?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo,
mʼatamfo nhyɛso nti?”
10 Me nnompe te ɔdesani yawdi,
mʼahohiahiafo ateetee nti,
daa nyinaa wobisa me se,
“Wo Nyankopɔn wɔ he?”
 
11 Me kra, adɛn, na woabotow?
Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.