Dwom 43
Me Nyankopɔn, bu me bem,
na ka mʼasɛm a etia ɔman a wonsuro wo no ma me;
gye me fi nnaadaafo ne amumɔyɛfo nsam.
Woyɛ Onyankopɔn, mʼabandennen.
Adɛn nti na woapo me?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ menantenantew twa adwo
mʼatamfo nhyɛso nti?
Soma wo hann ne wo nokware
ma wɔnkyerɛ me kwan;
ma wɔmfa me mmra wo Bepɔw Kronkron no so,
faako a wote no.
Afei, mɛkɔ Onyankopɔn afɔremuka anim,
mʼanigye ne mʼahosɛpɛw Nyankopɔn nkyɛn.
Mede sanku beyi wo ayɛ,
Onyankopɔn, me Nyankopɔn.
 
Me kra, adɛn, na woabotow?
Adɛn na woayɛ basaa wɔ me mu saa?
Fa wo ho to Onyankopɔn so,
na mɛkɔ so ayi no ayɛ,
mʼAgyenkwa ne me Nyankopɔn.
Dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo.