Dwom 61
Dawid dwom.
Ao, Onyankopɔn, tie me sufrɛ;
tie me mpaebɔ.
 
Mifi asase ano frɛ wo,
mefrɛ wo, efisɛ me koma atɔ beraw;
fa me kɔ ɔbotan a ɛware sen me no so.
Woayɛ me guankɔbea,
aban a ɛyɛ den ma ɔtamfo no.
 
Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntamadan no mu afebɔɔ
na manya guankɔbea wɔ wo ntaban nwini ase.
Woate me bɔ a mehyɛe no, Onyankopɔn;
na wode wɔn a wosuro wo din no agyapade ama me.
 
To ɔhene nkwanna mu bebree;
na ne mfe mfi awo ntoatoaso nkodu awo ntoatoaso.
Ma onni hene wɔ Onyankopɔn anim daa
fa wʼadɔe ne wo nokware bɔ ne ho ban.
 
Afei mɛto ayeyi dwom ama wo din daa
na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa.
Wɔde ma dwonkyerɛfo. De ma Yedutun.