Dwom 62
Dawid dwom.
Me kra wɔ ahomegye wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
me nkwagye fi ne nkyɛn.
Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;
ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me da.
 
Mobɛkɔ so ahyɛ onipa so akosi da bɛn,
mo nyinaa besum me ahwe fam ana?
Ɔfasu a akyea yi, ban a ɛrebu yi?
Ampa, wɔayɛ adwene se wobetu no
afi ne dibea a ɛkorɔn no so;
wɔn ani gye atorodi ho.
Wɔde wɔn ano hyira
na wɔn koma mu de, wɔdome.
 
Yiw me kra, gye wʼahome wɔ Onyankopɔn nko ara mu;
na ne mu na mʼanidaso wɔ.
Ampa, ɔyɛ me botan ne me nkwagye;
ɔyɛ mʼabandennen, hwee renhinhim me.
Me nkwagye ne mʼanuonyam gyina Onyankopɔn so;
ɔyɛ me botan a ɛkorɔn, ne me guankɔbea.
Mo nnipa, momfa mo ho nto ne so daa;
monka mo koma mu nsɛm nyinaa nkyerɛ no,
efisɛ Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea.
 
Nnipa nyinaa te sɛ home;
akɛse ne nkumaa nyinaa nka hwee;
sɛ wɔkari wɔn wɔ nsania so a, wɔnka hwee;
wɔn nyinaa bɔ mu a wɔyɛ home nko.
10 Mommfa mo ho nto asisi so
na monnhoahoa mo ho akorɔnne ho;
ɛwɔ mu sɛ mo ahonya dɔɔso de,
nanso mommfa mo koma nto so.
 
11 Asɛm baako na Onyankopɔn aka,
nsɛm abien na mate sɛ,
wo, Onyankopɔn, na wowɔ ahoɔden,
12 na wo, Awurade, na woyɛ adɔe,
ampa ara wubetua obiara ka
sɛnea nʼadwuma te.