Dwom 69
Dawid dwom.
Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa
na nsu no abɛdeda me kɔn mu.
Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu,
wɔ baabi a mʼanan nnya sibea.
Madu bun mu
na nsu abu afa me so.
Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa.
Me mene mu ayow.
Mʼani so ayɛ kusuu,
na merehwehwɛ me Nyankopɔn.
Wɔn a wɔtan me kwa no
dɔɔso sen me ti so nwi;
wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso,
wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.
Wɔhyɛ me sɛ mennan
nea minnwiae no mma.
 
Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm;
mʼafɔdi nhintaw wo.
Awurade, Awurade Tweduampɔn,
mma wɔn a wɔn ani da wo so no,
anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade;
Israel Nyankopɔn,
mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no
anim ngu ase esiane me nti.
Wo nti migyina animka ano,
na aniwu kata mʼanim.
Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu,
mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu,
na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so,
wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.
10 Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a
wɔbɔ me ahohora;
11 sɛ mifura atweaatam a
nnipa de me yɛ aserewde.
12 Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me,
na akɔwensafo de me din to dwom.
 
13 Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade,
wɔ wʼadom bere mu;
wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn,
fa wo nokware nkwagye no gye me so.
14 Yi me fi dontori no mu,
mma memmem wɔ mu;
gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam,
ne nsu bun mu.
15 Mma nsu nnyiri mmfa me
anaa bun mmene me
anaa amoa nkata me so.
16  Awurade, gye me so fi wʼadɔe a eye no mu;
wʼadom nti, dan bɛhwɛ me.
17 Mfa wʼanim nhintaw wo somfo;
gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.
18 Twiw bɛn me na gye me;
gye me nkwa, mʼatamfo nti.
19 Wunim sɛnea wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wotiatia mʼanim;
wʼani tua mʼatamfo nyinaa.
20 Kasatia ahyɛ me koma so
ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo;
mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi,
mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.
21 Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu,
osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen.
 
22 Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri;
ma ɛnyɛ akatua ne afide mma wɔn.
23 Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade,
na ma wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.
24 Hwie wʼabufuwhyew gu wɔn so;
na ma wʼabufuw huhuhuhu no mmra wɔn so.
25 Ma wɔn fi nyɛ amamfo;
mma obiara ntena wɔn ntamadan mu.
26 Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no,
wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm.
27 Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn;
mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.
28 Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu,
mfa wɔn din nka atreneefo de ho.
 
29 Mewɔ ɔyaw ne ahohiahia mu;
Onyankopɔn, ma wo nkwagye no mmɔ me ho ban.
 
30 Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ
na mede aseda ahyɛ no anuonyam.
31 Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye asen nantwi,
asen nantwinini a otua mmɛn na ɔwɔ tɔte.
32 Mmɔborɔni behu na nʼani agye,
mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no koma benya nkwa.
33  Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn,
na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa.
 
34 Ma ɔsoro ne asase nkamfo no,
po ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,
35 efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwa
na wakyekye Yuda nkuropɔn no bio.
Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de;
36 Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ,
na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ.
Wɔde ma dwonkyerɛfo.