Dwom 87
Koramma dwom.
Wato ne fapem wɔ bepɔw kronkron no so;
Awurade dɔ Sion apon no
sen Yakob atenae nyinaa.
Wɔka wo ho anuonyamsɛm
Onyankopɔn kuropɔn:
“Mede Rahab ne Babilonia
bɛka wɔn a wɔyɛ osetie ma me no ho,
Filistia, Tiro ne Kus nso
na maka se, ‘Wɔwoo eyinom wɔ Sion.’ ”
 
Ampa ara wɔbɛka afa Sion ho se,
“Wɔwoo oyi ne ɔno wɔ no mu,
na Ɔsorosoroni no ankasa de no betim hɔ.”
Awurade bɛkyerɛw wɔ nnipa dinkyerɛw nhoma no mu se,
“Wɔwoo oyi wɔ Sion.”
Na wɔbɛto dwom se,
“Me ntin nyinaa wɔ wo mu.”
Kora mma dwom a wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sanku so.