Dwom 88
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.
Awurade, woyɛ me nkwagye Nyankopɔn
misu wɔ wʼanim adekyee ne adesae.
Ma me mpaebɔ nnu wʼanim;
brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.
 
Ɔhaw ahyɛ me kra ma
na me nkwa rebɛn owu.
Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ ɔda mu no;
mete sɛ obi a onni ahoɔden.
Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufo mu,
te sɛ atɔfo a wɔdeda ɔda mu,
wɔn a wonkae wɔn bio,
na wonhwɛ wɔn bio.
 
Woatow me akyene ɔda ase tɔnn,
wɔ sum kabii mu.
Wʼabufuwhyew ayɛ duru wɔ me so;
woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.
Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afi me nkyɛn
woama me ho ayɛ wɔn ahi.
Woaka me ahyɛ mu na mintumi nguan;
awerɛhow ama mʼani so ayɛ kusuu.
 
Awurade misu frɛ wo da biara;
metrɛw me nsam kyerɛ wo.
10 Woyɛ anwonwade kyerɛ awufo ana?
Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo ana?
11 Wɔka wʼadɔe ho asɛm wɔ ɔda mu,
anaasɛ wo nokware ho asɛm wɔ ɔsɛe kurom ana?
12 Wohu wʼanwonwade wɔ beae a hɔ aduru sum,
anaa wo trenee nnwuma no wɔ awerɛfiri asase so ana?
 
13 Nanso Awurade, misu frɛ wo sɛ boa me;
me mpaebɔ du wʼanim adekyee mu.
14 Adɛn, Awurade, na wopo me
na wode wʼanim hintaw me?
 
15 Mahu amane fi me mmofraase na mabɛn owu;
wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa abaw.
16 Wʼabufuwhyew abu afa me so;
wʼahunahuna asɛe me.
17 Daa nyinaa wotwa me ho hyia sɛ nsuyiri,
na wɔabu afa me so koraa.
18 Woafa me yɔnkonom ne mʼadɔfo afi me nkyɛn kɔ;
na sum ayɛ mʼadamfo a ɔbɛn me pɛɛ.