Dwom 98
Dwom.
Monto dwom foforo mma Awurade,
efisɛ wayɛ anwonwade bebree;
ne nsa nifa ne ne basa kronkron no
anya nkwagye ama no.
Awurade ama wɔahu ne nkwagye
na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no.
Wakae nʼadɔe
ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no;
asase ano nyinaa ahu
yɛn Nyankopɔn nkwagye.
 
Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,
momfa nnwonto nni ahurusi;
Momfa sanku nto dwom mma Awurade,
sanku ne nnwonto nnyigyei,
momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn,
nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.
 
Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so;
asase ne wɔn a wɔte so nyinaa.
Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam,
mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom;
ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim,
efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn.
Ɔde trenee bebu wiase atɛn
na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.