8
Hwan na ɔte sɛ onyansafoɔ?
Hwan na ɔnim sɛdeɛ nneɛma teɛ?
Nimdeɛ te nnipa anim
na ɛbrɛ ne denyɛ ase.
Yɛ Osetie Ma Ɔhene
Mese: Di ɔhene ɔhyɛ nsɛm so, ɛfiri sɛ wokaa ntam wɔ Onyankopɔn anim. Mpɛ ntɛm mfiri ɔhene anim. Nnyina mu mma obi asɛm a ɛnyɛ dɛ, na onii no anyɛ deɛ ɔpɛ biara. Esiane sɛ ɔhene asɛm boro obiara deɛ so enti, hwan na ɔbɛtumi aka akyerɛ no sɛ: “Ɛdeɛn na woreyɛ yi?”
Deɛ ɔdi ne nhyɛ nsɛm so no renkɔ ɔhaw biara mu,
na nyansa akoma bɛhunu ɛberɛ a ɛsɛ, ne ne kwan.
Adeyɛ biara wɔ ne ɛberɛ a ɛfata ne ɛkwan a wɔfa so yɛ,
nanso onipa haw hyɛ no so bebree.
 
Esiane sɛ obiara nnim daakye asɛm enti,
hwan na ɔbɛtumi akyerɛ no deɛ ɛreba?
Obiara nni mframa so tumi na waboa ano;
saa ara na obiara nni ne wuda so tumi.
Na sɛdeɛ wɔmma obiara nkɔ ahomegyeɛ wɔ ɔko berɛ mu no,
saa ara na amumuyɛ rennyaa wɔn a wɔdi amumuyɛsɛm.
Mehunuu yeinom nyinaa ɛberɛ a medwenee nneɛma a wɔyɛ wɔ owia yi ase ho. Ɛberɛ bi wɔ hɔ a onipa hyɛ afoforɔ so ma ɛdane ɔhaw ma no. 10 Bio, mehunuu sɛ wɔasie amumuyɛfoɔ, wɔn a anka wɔdi akɔneaba wɔ kronkronbea hɔ de gye nkamfo wɔ kuropɔn a wɔyɛɛ saa no mu. Yei nso yɛ ahuhudeɛ.
11 Sɛ bɔne bi ho asotwe amma ntɛm a, nnipa dwene nhyehyɛeɛ a wɔde yɛ bɔne ho. 12 Ɛwom sɛ omumuyɛfoɔ bi yɛ bɔne mpɛn ɔha nanso ɔtena ase kyɛ, nanso menim sɛ ɛbɛsi wɔn a wɔsuro Onyankopɔn no yie, wɔn a wɔdi Onyankopɔn ni no. 13 Nanso ɛsiane sɛ amumuyɛfoɔ nsuro Onyankopɔn enti, ɛrensi wɔn yie na wɔn nna renware sɛ sunsumma.
14 Adeɛ bi nso a ɛyɛ ahuhudeɛ a ɛsi wɔ asase so, ɛne sɛ, ateneneefoɔ bi nya akatua a ɛfata amumuyɛfoɔ, na amumuyɛfoɔ bi nya akatua a ɛfata ateneneefoɔ. Yei nso, mese ɛyɛ ahuhudeɛ. 15 Enti mekamfo ewiase mu anigyeɛ, ɛfiri sɛ biribiara nni owia yi ase a ɛyɛ ma onipa sene sɛ ɔbɛdidi, anom ama nʼani agye. Na afei ɔbɛnya anigyeɛ wɔ nʼadwumayɛ mu wɔ nna a Onyankopɔn ama no wɔ owia yi ase nyinaa.
16 Ɛberɛ a mepɛ sɛ mɛte nimdeɛ ase ne ɔbrɛ adwuma a onipa yɛ wɔ asase so a ɔnna awia anaa anadwo no, 17 mehunuu deɛ Onyankopɔn ayɛ nyinaa. Obiara rentumi nte deɛ ɛkɔ so wɔ owia yi ase no ase. Ne mmɔdemmɔ nyinaa akyi, onipa rentumi nhunu asekyerɛ da. Sɛ mpo onyansafoɔ bi ka sɛ ɔnim a, ɔrentumi nte aseɛ yie da.