5
Esiane sɛ moyɛ Onyankopɔn mma a ɔdɔ wɔn no enti, monsuasua no na motena ase ɔdɔ mu sɛdeɛ Kristo dɔɔ yɛn, na ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn sɛ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ hwam ma Onyankopɔn no.
Nanso ɛnsɛ sɛ wɔte adwamammɔ anaa afideɛ anaa anibereɛ ho asɛm wɔ mo mu, ɛfiri sɛ yeinom mfata Onyankopɔn nkurɔfoɔ kronkron. Saa ara nso na ɛmfata sɛ moka kasa efi, ahuhusɛm anaa sɛ moyi nsɛnkwaafi, mmom monna ase. Monnya nteaseɛ sɛ, obiara a ɔbɔ adwaman na ɔyɛ afideɛ, na ɔyɛ oniberefoɔ (anibereɛ yɛ abosonsom) no rennya kyɛfa biara wɔ Kristo ne Onyankopɔn Ahennie no mu bi. Mommma obiara mfa nsɛm a aba nni mu nnaadaa mo. Ɛfiri sɛ, saa nneɛma no na ɛma Onyankopɔn bo fu wɔn a wɔyɛ asoɔden no. Enti, mo ne saa nnipa no nnyɛ biribiara.
Ɛberɛ bi na moyɛ esum, nanso seesei deɛ, moyɛ hann wɔ Awurade mu. Ne saa enti montena ase sɛ hann mma. Ɛfiri sɛ, hann no ma moyɛ papa, teneneefoɔ ne nokwafoɔ, 10 na ɛhwehwɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani. 11 Montwe mo ho mfiri nneɛma hunu a wɔyɛ wɔ esum mu ho, na mompa ho ntoma. 12 Ɛyɛ aniwu sɛ wɔbɔ nneɛma a asoɔdenfoɔ yɛ no esum mu no so. 13 Nanso sɛ hann no tɔ wɔn so a, yɛbɛhunu nnebɔne biara a wɔyɛ. 14 Ɛfiri sɛ, hann da biribiara adi. Enti na wɔaka sɛ,
“Nyane, wo a woada,
na sɔre firi awufoɔ mu,
na Kristo bɛhyerɛn wɔ wo so.”
15 Enti, monhwɛ mo akwan yie, ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔnnim nyansa, na mmom sɛ wɔn a wɔnim nyansa. 16 Monyɛ mo akwannya biara so adeɛ, ɛfiri sɛ, nna yi yɛ nna bɔne. 17 Monnyɛ adwenem herɛfoɔ, na mmom monte Awurade apɛdeɛ ase. 18 Monnnom nsã mmmoro na amfa mo ankɔ ahohwiebɔ mu. Na mmom, momma Honhom no nhyɛ mo ma. 19 Momfa nnwom, ayɛyie nnwom ne honhom mu nnwom nkasa nkyerɛ mo ho mo ho. Monto dwom mma Awurade na monkamfo no wɔ akoma mu, 20 na monna Agya Onyankopɔn ase ɛberɛ biara wɔ biribiara ho wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din mu.
21 Momfiri anidie a mowɔ ma Kristo mu, mmrɛ mo ho ase mma mo ho mo ho.
Ɔyerenom Ne Okununom
22 Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo kununom sɛdeɛ mobrɛ mo ho ase ma Awurade no, 23 ɛfiri sɛ okunu yɛ ɔyere no ti sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no ti ne ne Gyefoɔ no. Asafo no yɛ Kristo onipadua. 24 Sɛdeɛ asafo no brɛ ne ho ase ma Kristo no, saa ara na ɛsɛ sɛ ɔyerenom brɛ wɔn ho ase wɔ biribiara mu ma wɔn kununom.
25 Okununom, monnodɔ mo yerenom sɛdeɛ Kristo dɔɔ asafo no na ɔde ne kra too hɔ maa no, 26 na ɔnam asɛm no so de nsuo dwaree no yɛɛ no kronkron, 27 de maa ne ho sɛ asafo a ɛhyerɛn, a ɛnni nkekaawa anaasɛ mponponoyɛ anaasɛ ɛdɛm biara, na mmom ɛyɛ kronkron a ɛnni sintɔ. 28 Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima dɔ wɔn yerenom sɛdeɛ wɔdɔ wɔn onipadua no. Ɔbarima a ɔdɔ ne yere no dɔ nʼankasa ne ho. 29 Obiara ntane ne ho. Mmom, ɔma no aduane hwɛ no yie sɛdeɛ Kristo yɛ asafo no, 30 na yɛn nso yɛyɛ ne onipadua no ho akwaa. 31 “Yei enti, ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere na wɔn baanu no nyinaa abɛyɛ honam baako.” 32 Yei yɛ ahintasɛm a emu dɔ, nanso mereka Kristo ne asafo no ho asɛm. 33 Enti, ɛsɛ sɛ okunu biara dɔ ne yere sɛ nʼankasa ne ho, na ɔyere biara nso de anidie ma ne kunu.