2
Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia,* Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
 
Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
Dodoɔ a wɔyɛ
   Paros abusuafoɔ 2,172
Sefatia abusuafoɔ 372
Arah abusuafoɔ 775
Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ) 2,812
Elam abusuafoɔ 1,254
Satu abusuafoɔ 945
Sakai abusuafoɔ 760
10 Bani abusuafoɔ 642
11 Bebai abusuafoɔ 623
12 Asgad abusuafoɔ 1,222
13 Adonikam abusuafoɔ 666
14 Bigwai abusuafoɔ 2,056
15 Adin abusuafoɔ 454
16 Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ) 98
17 Besai abusuafoɔ 323
18 Yora abusuafoɔ 112
19 Hasum abusuafoɔ 223
20 Gibar abusuafoɔ 95
21 Betlehemfoɔ 123
22 Netofafoɔ 56
23 Anatotfoɔ 128
24 Asmawetfoɔ 42
25 Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ 743
26 Ramafoɔ ne Gebafoɔ 621
27 Mikmasfoɔ 122
28 Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ 223
29 Nebo ɔman mma 52
30 Magbis ɔman 156
31 Elam ɔman mma 1,254
32 Harim ɔman mma 320
33 Lod, Hadid ne Ono ɔman mma 725
34 Yeriko ɔman mma 345
35 Senaa ɔman mma 3,630
 
36 Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ) 973
37 Imer abusuafoɔ 1,052
38 Pashur abusuafoɔ 1,247
39 Harim abusuafoɔ 1,017
 
40 Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
   Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ) 74
 
41 Nnwontofoɔ:
   Asaf abusuafoɔ 128
 
42 Aponoanohwɛfoɔ:
   Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ
   Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ 139
 
43 Asɔredan asomfoɔ:
Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
44 Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
45 Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
46 Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
47 Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
48 Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
49 Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50 Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51 Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52 Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
53 Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
54 Nesia ne Hatifa.
55 Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,
56 Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57 Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58 Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ 392
 
59 Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne:
60 Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ 652
 
61 Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62 Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 63 Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
 
64 Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360), 65 a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ§ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa. 66 Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245), 67 nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
 
68 Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ. 69 Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70 Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.
* 2:2 2.2 Saa Nehemia yi nyɛ Nehemia a ɔtwerɛɛ Nehemia Nwoma no. 2:41 2.41 Na Asaf yɛ Lewifoɔ no mu baako a Dawid yii no maa ɔhwɛɛ nnwomkyerɛ so. 2:42 2.42 Na aponoanohwɛfoɔ no yɛ Lewifoɔ a wɔwɛn Asɔredan no kwan ano. § 2:65 2.65 Lewifoɔ nnwomtofoɔ no akyi no na nnwomtofoɔ foforɔ bi wɔ hɔ a wɔto nnwom wɔ afahyɛ, awadeɛ ne ayiase.