3
Wɔsane Si Afɔrebukyia No
Bosome a ɛtɔ so nson ahyɛaseɛ a Israelfoɔ abɔ atenaseɛ wɔ wɔn nkuro mu no, nnipa no nyinaa hyiaa sɛ nnipa korɔ wɔ Yerusalem. Na Yosadak babarima Yesua ne nʼafɛfoɔ asɔfoɔ ne Sealtiel babarima Serubabel ne nʼabusuafoɔ hyɛɛ aseɛ siesiee Israel Onyankopɔn afɔrebukyia no, sɛdeɛ wɔbɛtumi abɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ so, sɛdeɛ wɔahyɛ wɔ Mose a ɔyɛ Onyankopɔn onipa no mmara mu no. Ɛwom sɛ na nkurɔfoɔ no suro amannifoɔ a wɔtete hɔ no deɛ, nanso wɔsane sii afɔrebukyia no wɔ ne dada mu hɔ. Ɛhɔ ara na wɔhyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔyɛɛ saa anɔpa ne anwummerɛ biara. Wɔdii Asese Afahyɛ no sɛdeɛ wɔakyerɛ wɔ Mose mmara nwoma no mu no, na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, sɛdeɛ afahyɛ da biara deɛ teɛ no. Afei, wɔbɔɔ daa ɔhyeɛ afɔdeɛ no ne afɔdeɛ a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ma Ɔbosome Foforɔ Afahyɛ no ne mfeɛ ahodoɔ afahyɛ de maa Awurade. Na nnipa no bɔɔ ɔpɛ pa mu afɔdeɛ nso de maa Awurade. Aka dadu nnanum na Dwanekɔbea Afahyɛ no aduru so no, asɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔhyɛɛ yei nso ase ansa na wɔreto Awurade asɔredan no fapem.
Na wɔbɔɔ adansifoɔ ne nnua adwumfoɔ paa na wɔtɔɔ ntweneduro nnua firi Tirofoɔ ne Sidonfoɔ nkyɛn, na wɔde nnuane, nsã ne ngo tuaa wɔn ka. Wɔde nnua no firi Lebanon mmepɔ so guu Ɛpo Kɛseɛ ani baa Yopa, a na ɔhene Kores ama ho ɛkwan.
Wɔhyɛɛ Onyankopɔn asɔredan no sie ase wɔ bosome a ɛtɔ so mmienu mu wɔ afeɛ a ɛtɔ so mmienu firi ɛberɛ a wɔkɔduruu Yerusalem no. Wɔn a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nyinaa yɛɛ ho adwumayɛfoɔ a Sealtiel babarima Serubabel, Yosadak babarima Yesua ne ne mfɛfoɔ asɔfoɔ ne Lewifoɔ nyinaa nso ka ho. Lewifoɔ a na wɔadi mfeɛ aduonu ne wɔn a wɔboro saa no na wɔde Awurade asɔredan no nsiesie hyɛɛ wɔn nsa. Yesua ne ne mmammarima ne nʼabusuafoɔ ne Kadmiel ne ne mmammarima ne Hodawia asefoɔ nyinaa na wɔde Onyankopɔn asɔredan ho adwumayɛfoɔ hyɛɛ wɔn nsa sɛ, wɔnhwɛ wɔn so. Henadad abusuafoɔ Lewifoɔ na wɔboaa wɔn saa dwumadie yi mu.
10 Ɛberɛ a adansifoɔ no wiee Awurade asɔredan no fapem no, asɔfoɔ no hyɛɛ wɔn asɔfotadeɛ, kɔtenaa wɔn tenaberɛ, hyɛnee wɔn totorobɛnto. Na Asaf asefoɔ Lewifoɔ no bɔɔ wɔn kyankyan de kamfoo Awurade sɛdeɛ na ɔhene Dawid ahyɛ no pɛpɛɛpɛ. 11 Wɔde nkamfoɔ ne aseda too saa dwom yi maa Awurade sɛ:
“Ɔyɛ,
Na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa ma Israel afebɔɔ!”
Na ɔmanfoɔ no nyinaa teaam ahoɔden so, de kamfoo Awurade, ɛfiri sɛ, Awurade asɔredan fapem no, wɔato. 12 Asɔfoɔ mpanimfoɔ no bebree ne Lewifoɔ ne ntuanofoɔ no kaee asɔredan a ɛdi ɛkan no, wɔsuiɛ ɛberɛ a wɔhunuu asɔredan foforɔ no fapem a wɔato no. Na afoforɔ nso teateaam anigyeɛ so. 13 Anigyeɛ nteateamu ne osu a ɛne no adi afra no, ano yɛɛ den, na nnipa tee no akyirikyiri.