56
Afoforɔ Nkwagyeɛ
Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Monkɔ so mmu atɛntenenee
na monyɛ deɛ ɛyɛ,
ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn
na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.
Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,
onipa a ɔkura mu denden:
deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,
na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”
Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ,
“Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.”
Na opiani biara nso nwiinwii sɛ,
“Meyɛ duawuiɛ.”
Sei na Awurade seɛ,
“Apiafoɔ a wɔkae me home nna,
wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani
na wɔkura mʼapam mu denden,
mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,
nkaedeɛ ne edin a
ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;
mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ,
edin a ɛrentwam.
Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade
sɛ wɔbɛsom no,
sɛ wɔbɛdɔ Awurade din,
na wɔasɔre no,
wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,
na wɔkura mʼapam mu denden;
yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so
na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie.
Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,
mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so;
na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a
aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”
Otumfoɔ Awurade,
deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ:
“Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho
aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”
Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ
Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,
mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!
10 Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ,
wɔn mu biara nni nimdeɛ;
wɔn nyinaa yɛ nkraman mum,
wɔntumi mmobɔ mu;
wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ,
nna yɛ wɔn dɛ.
11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;
wɔnnidi mmee da.
Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;
wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,
obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.
12 “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã!
Momma yɛnnom nsaden mmoro!
Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ,
ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”