57
Ateneneefoɔ wu,
na obiara nnwene ho wɔ nʼakoma mu;
wɔfa Nyamesurofoɔ kɔ,
na obiara nte aseɛ
sɛ wɔfa teneneefoɔ kɔ
sɛdeɛ wɔbɛyi wɔn afiri bɔne mu.
Wɔn a wɔnante tee no
wɔhyɛne asomdwoeɛ mu;
wɔnya ahomegyeɛ ɛberɛ a wɔadeda sɛ awufoɔ.
“Nanso, mo, mommra ha, mo ɔbayifoɔ mmammarima,
mo awaresɛefoɔ ne mmaa adwamanfoɔ mma!
Hwan na moresere no?
Hwan na moredi ne ho fɛ
na morebɔ no adapaa yi?
Monnyɛ atuatefoɔ fekuo
ne atorofoɔ asefoɔ anaa?
Mode ɔpɛ mmorosoɔ bɔ afɔdeɛ wɔ adum mu
ne dua biara ase;
mode mo mma bɔ afɔdeɛ wɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu
ne abotan mpaapaeɛ ase.
Anyame a wɔyɛ aboɔ tromtrom, a ɛwɔ mmɔnhwa a emu dɔ mu no,
wɔyɛ mo kyɛfa. Wɔn na mopɛ.
Aane, moahwie nsã afɔrebɔdeɛ agu wɔn so
na mode aduane afɔrebɔdeɛ ama wɔn.
Yeinom nyinaa akyi, mengo me nsam anaa?
Moasiesie mo daberɛ wɔ kokoɔ a ɛkorɔn so;
ɛhɔ na mokɔ kɔbɔ afɔdeɛ.
Mo apono ne aponnwa akyi
na mo de mo abosonsom nsɛsodeɛ asisi.
Mofirii mʼakyi kɔyii mo mpa so ntoma,
mokɔdaa so na motrɛɛ mu;
mo ne wɔn a modɔ wɔn mpa yɛɛ apam,
na mohwɛɛ wɔn adagya mu.
Mode ngo kɔɔ Molek nkyɛn
na momaa mo nnuhwam dɔɔso.
Mosomaa mo ananmusifoɔ kɔɔ akyirikyiri;
mo siane kɔɔ ɛda mu ankasa!
10 Mo nneyɛɛ maa mo brɛeɛ,
nanso moanka da sɛ, ‘Ɛho nni mfasoɔ.’
Monyaa akɔnnɔ ahoɔden foforɔ,
enti mokɔɔ so ara yɛɛ deɛ mopɛ.
 
11 “Hwan na wama mo akoma atu na wabɔ mo hu sei
a enti moanni me nokorɛ,
na moankae me
anaa moannwene yei ho wɔ mo akoma mu?
Mayɛ dinn akyɛre no enti
na monnsuro me anaa?
12 Mɛda mo tenenee ne mo nnwuma adi,
na ɛho remma mo mfasoɔ.
13 Sɛ moteam pɛ mmoa a,
momma mo ahoni a moaboa ano no nnye mo!
Mframa bɛbɔ wɔn nyinaa akɔ,
ahome kɛkɛ bɛhwete wɔn.
Nanso onipa a ɔde me yɛ ne dwanekɔbea no
bɛdi asase no so
na wafa me bepɔ kronkron no.”
Akoma A Abubu Awerɛkyekyerɛ
14 Na wɔbɛka sɛ:
“Monyɛ, monyɛ. Monsiesie ɛkwan no!
Monyiyi akwansideɛ mfiri me nkurɔfoɔ akwan mu.”
15 Na yei ne deɛ ɔkorɔn no,
deɛ ɔte ase daa a ne din yɛ kronkron no seɛ:
“Mete beaeɛ a ɛkorɔn na ɛyɛ kronkron,
me ne deɛ ɔwɔ ahonu na ɔyɛ honhom mu hiani nso te,
sɛ mɛkanyane honhom mu hiani no honhom,
na makanyane nʼakoma a abubu no.
16 Meremmɔ soboɔ afebɔɔ,
na mebo remfu daa,
sɛ anyɛ saa a, onipa honhom bɛtɔ piti wɔ mʼanim,
onipa ahome a me na mabɔ.
17 Wɔn nnebɔne adufudepɛ maa me bo fuiɛ;
metwee wɔn aso, na mede abufuo yii mʼani,
nso wɔkɔɔ so yɛɛ deɛ wɔn akoma pɛ.
18 Mahunu wɔn nneyɛɛ, nanso mɛsa wɔn yadeɛ.
Mɛkyerɛ wɔn kwan na makyekye wɔn werɛ,
19 na mama ayɛyie aba wɔn a wɔredi awerɛhoɔ wɔ Israel ano.
Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ, mmra wɔn a wɔwɔ akyirikyiri ne wɔn a wɔbɛn so,”
sei na Awurade seɛ. “Na mɛsa wɔn yadeɛ.”
20 Na amumuyɛfoɔ te sɛ ɛpo a ɛrehuru,
ɛntumi nyɛ komm,
nʼasorɔkye yiyi atɛkyɛ ne efi.
21 “Amumuyɛfoɔ nni asomdwoeɛ.” Sei na me Onyankopɔn seɛ.