24
“Adɛn enti na Onyankopɔn nhyɛ berɛ mma atemmuo?
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnim noɔ no hwɛ saa da no anim ɛnso ɛmma da?
Nnipa yiyi aboɔ a wɔde ato hyeɛ;
na wɔde nnwankuo a wɔawia kɔ hɔ adidi.
Wɔpam nwisiaa mfunumu
na wɔgye akunafoɔ anantwie sɛ awowasideɛ.
Wɔsum ahiafoɔ firi ɛkwan so
na wɔhyɛ asase no so ahiafoɔ ma wɔkɔtetɛ.
Ahiafoɔ no yɛ wɔn adwuma pɛ aduane
te sɛ ɛserɛ so mfunumu no;
asase wesee no so na wɔnya aduane ma wɔn mma.
Wɔboaboa mmoa aduane ano wɔ mfuo no so
na wɔdi mpɛpɛ wɔ amumuyɛfoɔ bobe nturo mu.
Wɔnni ntoma, na wɔda kwaterekwa;
wɔnni hwee a wɔde kata wɔn ho wɔ awɔ mu.
Mmepɔ so osutɔ fɔ wɔn twɔnn
na wɔfomfam mmotan no ho ɛfiri sɛ wɔnni ahatasoɔ.
Wɔte awisiaa firi nufoɔ ano;
na wɔfa ohiani abotafoa de si ne ka anan mu.
10 Wɔnenam adagya a wɔnni ntoma;
wɔsoa ayuo afiafi, nanso ɛkɔm de wɔn ara.
11 Wɔkyi ngo wɔn adan mu;
wɔtiatia nsakyimena mu, nanso osukɔm de wɔn.
12 Wɔn a wɔrewuwuo no apinisie firi kuropɔn no mu,
na apirafoɔ kra su pɛ mmoa.
Nanso Onyankopɔn mfa bɔne nto obiara so.
 
13 “Ebinom wɔ hɔ a wɔsɔre tia hann no,
wɔn a wɔnnim nʼakwan
anaasɛ wɔnnante nʼatempɔn so.
14 Sɛ adekyeɛ hann no kɔ a, owudifoɔ no sɔre
na ɔkum ohiani ne mmɔborɔni;
adesaeɛ mu, ɔwiawia ne ho sɛ ɔkorɔmfoɔ.
15 Ɔwaresɛefoɔ twɛn ɛberɛ a adeɛ resa;
ɔka sɛ, ‘obiara renhunu me,’
na ɔde nʼanim hinta.
16 Esum mu na nnipa bubu apono wura afie mu,
na awiaberɛ mu no, wɔtoto wɔn ho ɛpono mu;
wɔne hann nni hwee yɛ.
17 Esum kabii yɛ adekyeɛ ma wɔn nyinaa;
wɔne esum mu nneɛma a ɛyɛ hu fa nnamfo.
 
18 “Nanso wɔte sɛ ahuro a ɛtɛ nsuo ani;
wɔadome wɔn kyɛfa wɔ asase no so,
enti obiara nnkɔ bobe nturo no mu.
19 Sɛdeɛ ɔhyew ne ɔpɛ de sukyerɛmma a anane korɔ no,
saa ara na damena de wɔn a wɔayɛ bɔne korɔ.
20 Awotwaa werɛ firi wɔn,
na ɔsonsono di wɔn nam;
nnipa bɔne deɛ, wɔnnkae wɔn bio
na mmom wɔbubu te sɛ dua.
21 Wɔde ɔbaa bonini a ɔnni ba yɛ haboa,
na wɔnhunu akunafoɔ mmɔbɔ.
22 Onyankopɔn nam ne tumi so twe atumfoɔ kɔ;
ɛwom sɛ wɔnya asetena pa deɛ, nanso wɔnni nkwa ho bɔhyɛ.
23 Ɔtumi ma wɔn tena ase asomdwoeɛ mu,
nanso nʼani wɔ wɔn akwan so.
24 Wɔma wɔn so berɛ tiawa bi, na afei wɔnni hɔ bio;
wɔbrɛ wɔn ase boaboa wɔn ano sɛ nnipa nyinaa;
wɔtwitwa wɔn gu te sɛ aburoo ti.
 
25 “Sɛ yei nte saa a, hwan na ɔbɛtumi agye me akyinnyeɛ
na ama deɛ maka ayɛ nsɛnhunu?”