16
Akoma mu nhyehyɛeɛ yɛ onipa dea,
na tɛkrɛma mmuaeɛ firi Awurade.
 
Ɛyɛ onipa sɛ nʼakwan nyinaa yɛ kronn
nanso Awurade na ɔpɛɛpɛɛ adwene mu.
 
Fa deɛ woyɛ nyinaa hyɛ Awurade nsam,
na wo nhyehyɛeɛ bɛsi yie.
 
Awurade yɛ biribiara ma nʼankasa botaeɛ,
mpo, ɔhwɛ omumuyɛfoɔ kɔsi amanehunu da.
 
Awurade kyiri akoma mu ahantanfoɔ nyinaa.
Nya saa nteaseɛ yi sɛ, wɔremfa wɔn ho nni.
 
Wɔnam ɔdɔ ne nokorɛ so pata bɔne;
onipa nam Awurade suro so yi bɔne akwa.
 
Sɛ onipa akwan sɔ Awurade ani a,
ɔma nʼatamfoɔ mpo ne no tena asomdwoeɛ mu.
 
Kakraa bi a wɔnam tenenee kwan so nya no yɛ
sene mfasoɔ pii a wɔnam ntɛnkyea so nya.
 
Onipa yɛ ne nhyehyɛeɛ wɔ nʼakoma mu,
nanso Awurade na ɔhwɛ nʼanammɔntuo.
 
10 Ɔhene anomu kasa te sɛ nkɔmhyɛ,
enti ɛnsɛ sɛ nʼano ka deɛ ɛnyɛ atɛntenenee.
 
11 Nsania ne abrammoɔ a nsisie nni mu firi Awurade;
nkariboɔ a ɛwɔ kotokuo mu no, ɔno na ɔyɛeɛ.
 
12 Ahemfo kyiri bɔneyɛ,
ɛfiri sɛ ahennwa si tenenee so.
 
13 Ahemfo ani sɔ ano a ɛka nokorɛ;
na wɔbu onipa a ɔka nokorɛ.
 
14 Ɔhene abufuhyeɛ yɛ owuo somafoɔ,
nanso onyansafoɔ bɛdwodwo ano.
 
15 Sɛ ɔhene anim te a, ɛyɛ nkwa,
nʼadom te sɛ osutɔberɛ mu osumuna.
 
16 Ɛyɛ sɛ wobɛnya nyansa sene sɛ wobɛnya sikakɔkɔɔ,
sɛ wobɛnya nhunumu sene sɛ wobɛnya dwetɛ!
 
17 Ɔteneneeni kwantempɔn kwati bɔne;
deɛ ɔhwɛ nʼakwan yie no bɔ ne nkwa ho ban.
 
18 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,
na ahomasoɔ honhom nso di ahweaseɛ anim.
 
19 Ɛyɛ sɛ wobɛyɛ honhom mu hiani wɔ wɔn a wɔhyɛ wɔn so mu
sene sɛ wo ne ahantanfoɔ bɛkyɛ afodeɛ.
 
20 Deɛ ɔyɛ ɔsetie ma nkyerɛkyerɛ no nya nkɔsoɔ;
nhyira nka deɛ ɔde ne ho to Awurade so.
 
21 Wɔfrɛ akoma mu anyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,
na kasa pa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
 
22 Nteaseɛ yɛ nkwa nsutire ma wɔn a wɔwɔ bi,
nanso agyimisɛm de asotweɛ brɛ nkwaseafoɔ.
 
23 Onyansafoɔ akoma kyerɛ nʼano kwan,
na nʼanofafa ma nkyerɛkyerɛ kɔ so.
 
24 Abodwosɛm te sɛ ɛwokyɛm
ɛyɛ ɔkra dɛ, na ɛsa nnompe yadeɛ.
 
25 Ɛkwan bi wɔ hɔ a ɛyɛ wɔ onipa ani so,
nanso ɛkɔwie owuo mu.
 
26 Odwumayɛfoɔ akɔnnɔ ma no yɛ adwuma den;
ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔkum ne kɔm.
 
27 Ohuhuni bɔ pɔ bɔne,
ne kasa te sɛ egyadɛreɛ a ɛhye adeɛ.
 
28 Onipa kɔntɔnkye de mpaapaemu ba,
na osekuni tete nnamfonom ntam.
 
29 Basabasayɛni daadaa ne yɔnko
na ɔde no fa ɛkwammɔne so.
 
30 Deɛ ɔbu nʼani no redwene bɔneyɛ ho;
na deɛ ɔmua nʼano no ani wɔ bɔne so.
 
31 Ɛdwono yɛ animuonyam abotire;
tenenee mu asetena na ɛde ba.
 
32 Deɛ ɔwɔ abodwokyerɛ no yɛ sene ɔkofoɔ,
na deɛ ɔmfa abufuo yɛ sene deɛ ɔko fa kuropɔn.
 
33 Wɔtwe ntonto de hwehwɛ deɛ Awurade pɛ,
nanso ne gyinasie biara firi Awurade.