Dwom 104
Ao me ɔkra, kamfo Awurade!
 
Ao Awurade me Onyankopɔn, woyɛ ɔkɛseɛ!
Wɔafira tumi ne animuonyam.
 
Ɔde hann akata ne ho sɛ atadeɛ;
ɔtrɛ ɔsoro mu te sɛ ntomadan,
na ɔde ne mpia mpunan sisi nsuo so.
Ɔde omununkum yɛ ne teaseɛnam
na ɔde nante mframa ntaban so.
Ɔsoma nʼabɔfoɔ sɛ mframa,
na ɔsoma nʼasomfoɔ sɛ ogyadɛreɛ.
 
Ɔde asase asi ne fapem so
na ɛrenhinhim da.
Wode ebunu kataa so sɛ atadeɛ
na nsuo gyinaa mmepɔ no so.
Nanso wʼanimka maa nsuo no dwaneeɛ,
wʼaprannaa nnyegyeeɛ ma wɔdwaneeɛ;
Wɔtenetenee faa mmepɔ so,
kɔɔ mmɔnhwa mu tɔnn,
kɔguu baabi a wode ama wɔn no.
Wotoo ɔhyeɛ a wɔrentumi ntra;
na wɔammɛkata asase so bio.
 
10 Ɔma nsuwa tene fa abɔn mu;
ɛtene fa mmepɔ ntam.
11 Ɔma wiram mmoa nyinaa nsuo nom;
ɔma afunumu nsuo de kum wɔn sukɔm.
12 Ewiem nnomaa nwene wɔn pirebuo wɔ nsuo no ho;
na wɔto nnwom wɔ nnua no mman so.
13 Ɔfiri ne soro mpia mu tɔ nsuo gugu mmepɔ so;
Awurade nnwuma so aba mee asase.
14 Ɔma ɛserɛ fifiri ma anantwie,
na ɔbɔɔ nnua maa onipa sɛ ɔnnua
na ɛmma aduane mfiri asase mu:
15 na onipa anya nsã ama nʼakoma atɔ ne yam,
na onipa anya ngo ama nʼanim atɔ so,
na aduane nso akura onipa akoma.
16 Wɔgugu Awurade nnua no so yie,
Lebanon ntweneduro a ɔduaeɛ no.
17 Ɛso na nnomaa yɛ wɔn mpirebuo
na asukɔnkɔn nso yɛ nʼatenaeɛ wɔ pepeaa nnua no mu.
18 Mmepɔ atentene no yɛ wiram mpɔnkye dea;
na abotan yɛ dwanekɔbea ma amoakua.
 
19 Ɔsrane kyerɛ ɛberɛ nkyekyɛmu,
na owia nim ɛberɛ a ɔkɔtɔ.
20 Wode esum ba ma ɛyɛ adesaeɛ
na kwaeɛ mu mmoa nyinaa kɔ ahayɔ.
21 Gyata bobom pɛ wɔn ahaboa
wɔhwehwɛ wɔn aduane firi Onyankopɔn hɔ.
22 Owia pue ma wɔsane wɔn akyi;
wɔsane kɔdeda wɔn atuo mu.
23 Afei, onipa kɔ nʼadwuma so
kɔyɛ adwuma ara kɔsi anwummerɛ.
 
24 Ao Awurade, wo nnwuma dɔɔso!
Nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa;
wʼabɔdeɛ ahyɛ asase so ma.
25 Ɛpo na ɛda hɔ tɛtrɛɛ hahanaa yi,
a abɔdeɛ bebree a ɛnni ano,
akɛseɛ ne nketewa ahyɛ no ma.
26 Ɛso na ahyɛn di akɔneaba,
na dɛnkyɛmmirampɔn a woyɛɛ no di agorɔ.
 
27 Wɔn nyinaa hwɛ wo kwan
sɛ wobɛma wɔn wɔn aduane wɔ ɛberɛ a ɛsɛ mu.
28 Wodema wɔn a, wɔtase;
wobue wo nsam a, nnepa mee wɔn.
29 Wode wʼanim hinta wɔn a,
wɔbɔ hu;
sɛ wogye wɔn ahomeɛ a,
wɔwuwu na wɔsane kɔ mfuturo mu.
30 Sɛ wode wo Honhom no ma wɔn a
na wɔabɔ wɔn,
na woyɛ asase ani foforɔ.
 
31 Ma Awurade animuonyam ntena hɔ daa;
ma Awurade ani nnye ne nnwuma ho,
32 deɛ ɔhwɛ asase na ɛwosoɔ,
na ɔde ne nsa ka mmepɔ a wisie firi mu ba.
 
33 Mɛto dwom ama Awurade me nkwa nna nyinaa;
sɛ mete ase yi, mɛto ayɛyie dwom ama me Onyankopɔn.
34 Ɔmma mʼakoma mu mpaeɛbɔ nsɔ nʼani
ɛberɛ a meregye mʼani wɔ Awurade mu yi.
35 Ma nnebɔneyɛfoɔ nyera wɔ asase so;
na amumuyɛfoɔ ase nhye.
 
Ao me ɔkra, kamfo Awurade.
 
Kamfo Awurade.