Dwom 129
Ɔsoroforɔ dwom.
“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,
ma Israel nka.
 
“Wɔahyɛ me so pii firi me mmɔfraase,
nanso wɔntumi nnii me so nkonim.
Fentemfoɔ afentem mʼakyi
ayɛ wɔn nkofie atentene.
Nanso Awurade yɛ ɔteneneeni;
Watwitwa amumuyɛfoɔ nhoma afiri me ho.”
 
Ma wɔn a wɔtan Sion nyinaa
mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.
Ma wɔnyɛ sɛ ɛserɛ a ɛwɔ ɔdan atifi,
ɛnnyini na ahye;
Ɛremma otwafoɔ nya biribi wɔ ne nsam,
na deɛ ɔboaboa ano nso renya hwee nʼabasa so.
Mma wɔn a wɔtwam hɔ nnka sɛ,
Awurade nhyira mmra mo so;
yɛhyira mo wɔ Awurade din mu.”