Dwom 130
Ɔsorokorɔ dwom.
Ao Awurade, mefiri ebunu mu resu frɛ wo;
Ao Awurade tie me nne.
Wɛn wʼaso
ma me nkotosrɛ.
 
Ao Awurade, sɛ wobu yɛn bɔne ho nkonta a,
anka hwan na ɔbɛtumi agyina ano?
Nanso, wowɔ bɔnefakyɛ;
ɛno enti wɔsuro wo.
 
Metwɛn Awurade, me kra twɛn,
na nʼasɛm mu na mede mʼanidasoɔ ahyɛ.
Me kra twɛne Awurade
sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twɛne adekyeɛ,
sene sɛdeɛ awɛmfoɔ twene adekyeɛ.
 
Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,
ɛfiri sɛ Awurade wɔ adɔeɛ a ɛwɔ hɔ daa
na ɔgyeɛ amapa wɔ ne mu.
Ɔno ankasa bɛgye Israel
afiri wɔn bɔne nyinaa mu.