Dwom 131
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
Ao Awurade, ahomasoɔ nni mʼakoma mu,
na mʼani ntraa ntɔn;
memma nsɛm akɛseɛ nha me
anaa nsɛm a ɛyɛ nwanwa dodo ma me.
Na mmom, mama me kra anya abotɔyam
te sɛ akɔkoaa a ɔda ne maame so renum no,
te sɛ akɔkoaa a ɔtua nufoɔ ano no,
saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu.
 
Ao Israel, ma wʼani nna Awurade so,
seesei ne daa nyinaa.