Dwom 132
Ɔsoroforɔ dwom.
Ao Awurade kae Dawid
ne ɔhaw ahodoɔ a ɔgyinaa ano no.
 
Ɔkaa Awurade ntam
na ɔhyɛɛ Yakob Otumfoɔ no bɔ sɛ,
“Merenhyɛne me fie
na merenkɔda me mpa so,
meremma nna mfa me
na meremma mʼani nkum,
kɔsi sɛ menya baabi ama Awurade,
baabi a Yakob Otumfoɔ no bɛtena.”
 
Yɛtee wɔ Efrata,
yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuo so.
“Momma yɛnkɔ nʼatenaeɛ;
momma yɛnsom wɔ ne nan ntiasoɔ hɔ.
‘Ao Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea,
wo ne wo tumi Adaka no.
Ma tenenee nyɛ sɛ ntadeɛ mma wʼasɔfoɔ;
ma wʼahotefoɔ nto ahurisie dwom.’ ”
 
10 Wo ɔsomfoɔ Dawid enti,
nyi wʼani mfiri deɛ woasra no ngo no so.
 
11  Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid,
nokorɛ ntam a ɔrentwe nsane sɛ,
“Wʼasefoɔ no mu baako
na mede no bɛtena wʼahennwa so.
12 Sɛ wo mmammarima di mʼapam so
na wɔtie me nkyerɛkyerɛ a,
ɛnneɛ wɔn mmammarima bɛtena
wʼahennwa so afebɔɔ.”
 
13  Awurade ayi Sion,
ɔde hɔ ayɛ nʼatenaeɛ:
14 “Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa;
ɛha na mɛtena adi ɔhene, ɛfiri sɛ ɛha na mepɛ,
15 mede nneɛma pa bebree bɛhyira no
na mama nʼahiafoɔ adidi amee.
16 Mede nkwagyeɛ bɛfira nʼasɔfoɔ
na nʼahotefoɔ ato ahurisie dwom daa.
 
17 “Mɛma ɔberempɔn bi apue wɔ Dawid ahennie mu
na mede kanea asi hɔ ama deɛ masra no ngo no.
18 Mede aniwuo bɛfira nʼatamfoɔ,
nanso nʼahenkyɛ bɛhyerɛn wɔ ne tiri so.”