Dwom 133
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ
sɛ anuanom bom tena faako!
 
Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,
ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.
Ɛte sɛ Hermon bosuo a
ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.