Dwom 134
Ɔsoroforɔ dwom.
Awurade asomfoɔ nyinaa, monkamfo Awurade,
mo a mosom wɔ Awurade fie anadwo nyinaa.
Momma mo nsa so wɔ kronkronbea hɔ
na monkamfo Awurade.
 
Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no,
mfiri Sion nhyira mo.