Dwom 135
Monkamfo Awurade.
 
Monkamfo Awurade din;
monkamfo no, mo Awurade asomfoɔ,
mo a mosom wɔ Awurade fie,
wɔ adihɔ a ɛwɔ yɛn Onyankopɔn fie.
 
Monkamfo Awurade ɛfiri sɛ ɔyɛ;
monto ayɛyie dwom mma ne din, na ɛno na ɛyɛ anisɔ.
Awurade ayi Yakob sɛ ɔnyɛ ne deɛ,
wayi Israel sɛ nʼadeɛ a ɛsom bo.
 
Menim sɛ Awurade so;
Ɔso sene anyame nyinaa.
Awurade yɛ deɛ ɔpɛ biara,
wɔ ɔsoro ne asase so,
ɛpo ne emu abunu nyinaa.
Ɔma omununkum ma ne ho so firi asase ano ba;
ɔsoma anyinam ka osutɔ ho
na ɔma ahum tu firi nʼakoradan mu.
 
Ɔkumm Misraim mmakan,
nnipa ne mmoa mmakan.
Ɔsomaa ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadeɛ baa mo mfimfini, Ao Misraim,
de tiaa Farao ne nʼasomfoɔ nyinaa.
10 Ɔsɛee amanaman pii
na ɔkunkumm ahemfo akɛseɛ,
11 Amorifoɔ ɔhene, Sihon
Basan ɔhene, Og
ne Kanaan ahemfo nyinaa,
12 na ɔde wɔn nsase maa sɛ agyapadeɛ;
ɔde maa ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ.
 
13 Ao Awurade, wo din wɔ hɔ daa.
Ao Awurade wo din ahyeta awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.
14  Awurade bɛdi ama ne nkurɔfoɔ
na ɔbɛhunu nʼasomfoɔ mmɔbɔ.
 
15 Amanaman no ahoni yɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ
a wɔde onipa nsa na ayɛ.
16 Wɔwɔ ano, nanso wɔntumi nkasa,
wɔwɔ ani, nanso wɔnhunu adeɛ;
17 wɔwɔ aso, nanso wɔnte asɛm,
na ahomeɛ nso nni wɔn anom.
18 Wɔn a wɔyɛɛ ahoni no bɛyɛ sɛ wɔn ara,
saa ara na wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn so no bɛyɛ.
 
19 Monkamfo Awurade, Ao Israel fiefoɔ;
monkamfo Awurade, Ao Aaron fiefoɔ;
20 monkamfo Awurade, Ao Lewi fiefoɔ;
monkamfo Awurade, mo a mosuro no.
21 Momfiri Sion nkamfo Awurade,
monkamfo deɛ ɔte Yerusalem no.
 
Monkamfo Awurade.