Dwom 21
Dawid dwom.
Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu.
Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!
 
Woama no deɛ nʼakoma pɛ;
woamfa nʼabisadeɛ ankame no.
Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no
na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.
Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no,
nna tentene a ɛnni awieeɛ.
Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so;
wode kɛseyɛ ne anidie adom no.
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da
na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.
Ɔhene no de ne ho to Awurade so;
Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti,
Ɔhene renhinhim.
 
Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa;
wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.
Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no
wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ.
Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn,
na ne ogya no ahye wɔn.
10 Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so,
na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.
11 Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo
na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi
ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.
 
13 Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu;
yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ.
Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.