Dwom 22
Dawid dwom.
Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?
Adɛn enti na me nkwagyeɛ ne wo ntam aware,
adɛn na mʼapinisie nsɛm ne wo ntam aware?
Ao me Onyankopɔn, mesu frɛ wo awia, nanso wonnye me so,
mefrɛ wo anadwo, nanso mennya ɔhome.
 
Nanso, wɔasi wo ɔhene sɛ Ɔkronkronni;
wo na Israel kamfo woɔ.
Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛeɛ;
wɔgyee wo diiɛ, na wogyee wɔn.
Wɔsu frɛɛ wo na wogyee wɔn,
wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn hwammɔ.
 
Nanso meyɛ ɔsonsono, na menyɛ onipa
nnipa bɔ me ahohora na wɔbu me animtiaa.
Obiara a ɔhunu me di me ho fɛw;
wɔtwa me adapaa, woso wɔn ti ka sɛ:
“Ɔde ne ho to Awurade so;
ma Awurade mmɛgye no.
Ma ɔmmɛboa no,
ɛfiri sɛ ɔwɔ ne mu anigyeɛ.”
 
Wo na woyii me firii awotwaa mu baeɛ
na womaa mede me ho too wo so
ɛberɛ a metua me maame nufoɔ ano mpo.
10 Ɛfiri mʼawoɔ mu na wɔde me too wo soɔ;
ɛfiri me maame yafunu mu, woayɛ me Onyankopɔn.
11 Ntwe wo ho mfiri me ho!
Ɛfiri sɛ amaneɛ abɛn
na ɔboafoɔ nni baabi.
 
12 Anantwinini bebree atwa me ho ahyia;
Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
13 Gyata a wɔbobom na wɔtete wɔn ahaboa mu
abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
14 Wɔahwie me agu sɛ nsuo,
na me nnompe nyinaa ahodwo.
Mʼakoma adane ayɛ sɛ nku;
anane afiri me mu.
15 Mʼahoɔden awe te sɛ kyɛmferɛ mu.
Na me tɛkrɛma atare mʼanom.
Wode me ato owuo mfuturo mu.
 
16 Nkraman atwa me ho ahyia
nnebɔneyɛfoɔ kuo atwa me ho ahyia,
wɔahwire me nsa ne me nan mu.
17 Mɛtumi akan me nnompe nyinaa;
Mʼatamfoɔ di me nhwɛhaa na wɔsere me.
18 Wɔkyɛ me atadeɛ mu fa,
na wɔbɔ me ntoma so ntonto.
 
19 Na wo, Ao Awurade, ntwe wo ho.
Ao mʼAhoɔden bra ntɛm bɛboa me.
20 Gye me kra firi akofena ano;
gye me nkwa a ɛsom bo no firi nkraman tumi ase.
21 Gye me nkwa firi gyata anom;
gye me firi ɛkoɔ mmɛn so.
 
22 Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom;
mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
23 Monkamfo Awurade, mo a mosuro no no!
Mo a moyɛ Yakob asefoɔ, monhyɛ no animuonyam!
Mo Israel asefoɔ nyinaa, monni no ni!
24 Ɔmmuu nʼani nguu
ɔmanehunufoɔ ateetee so,
ɔmfaa nʼanim nhintaa no;
na mmom watie ne sufrɛ a ɔde repɛ mmoa.
25 Me botaeɛ a mede yi wo ayɛ wɔ badwa mu no firi wo;
mɛdi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wɔsuro wo no anim.
26 Ahiafoɔ bɛdidi na wɔamee;
wɔn a wɔhwehwɛ Awurade bɛyi no ayɛ.
Mo akoma nnya nkwa daa.
 
27 Asase ano nyinaa
bɛkae akɔ Awurade nkyɛn,
na amanaman no mmusua nyinaa
bɛkoto nʼanim,
28 ɛfiri sɛ ahennie wɔ Awurade
na ɔdi amanaman so ɔhene.
 
29 Asase so adefoɔ nyinaa bɛdidi na wɔasɔre no;
wɔn a wɔkɔ dɔteɛ mu nyinaa bɛbu nkotodwe nʼanim,
wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
30 Nkyirimma nyinaa bɛsom no;
wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdidi soɔ.
31 Wɔbɛka ne tenenee akyerɛ
nnipa a wɔnnya nwoo wɔn
ɛfiri sɛ ɔno na wayɛ.