Dwom 87
Kora mma dwom.
Awurade ato ne fapem wɔ bepɔ kronkron no so;
Awurade dɔ Sion apono no
sene Yakob atenaeɛ nyinaa.
Wɔka wo ho animuonyamsɛm
Ao Onyankopɔn kuropɔn:
“Mede Rahab ne Babilonia
bɛka wɔn a wɔyɛ ɔsetie ma me no ho,
Filistia, Tiro ne Kus nso
mɛka sɛ, ‘Wɔwoo yeinom wɔ Sion.’ ”
 
Ampa ara wɔbɛka wɔ Sion ho sɛ,
“Wɔwoo yei ne ɔno wɔ ne mu,
na Ɔsorosoroni no ankasa de no bɛtim hɔ.”
Awurade bɛtwerɛ wɔ nnipa dintwerɛ nwoma no mu sɛ,
“Wɔwoo yei wɔ Sion.”
Na wɔbɛto dwom sɛ,
“Me nhini nyinaa wɔ wo mu.”
Kora mma dwom a wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Mahalat Leannot” sankuo so.